Psalms 52

Onyankopɔn Atemmu ne Adom

1Ɔkɛseɛ, adɛn nti na wohoahoa wo ho wɔ wo bɔne ho?
Onyankopɔn dɔ wɔ hɔ daa.
2Woyɛ nhyehyɛe de sɛe afoforo; wo tɛkrɛma yɛ nnam sɛ oyiwan.
Bere biara wopɛ atoro foforo twa.
3Wʼani gye bɔne ho sen papa.
Saa ara na wʼani gye atoro ho sen nokware.
4Wʼani gye sɛ wode wʼanom nsɛm pira afoforo; wo ɔtorofo!
5Eyi nti,
Onyankopɔn bɛsɛe wo pasaa; ɔbɛkyere wo, na watwe wo afi wo fi.
Obeyi wo afi ateasefo mu.
6Atreneefo behu eyi na wɔasuro; na wɔbɛserew wo aka se,
7“Hwɛ, oyi ne onipa a wamfa ne ho anto Onyankopɔn so ampɛ nkwagye no.
Mmom, ɔde ne ho too nʼahonya dodow so na ɔpɛɛ guankɔbea wɔ amumɔyɛ mu.”
8Nanso mete sɛ ngodua a ɛrenyin wɔ Onyankopɔn fi.
Mede me ho to ne dɔ a ɔdɔ me daadaa no so.
9Daa mɛda wo ase,
Onyankopɔn, wɔ nea woayɛ no so wɔ nnipa nyinaa anim.
Mɛpae mu maka se, woyɛ trenee.
Copyright information for TwiNAK